Global Action for Women Empowerment so panyin, Rosemond Ewoenam Atutonu, kaa sɛ sika amaneɛ ne abatoɔ mu sika de tɔ aba kɔ so si mmaa a wɔwɔ tumi pii kwan sɛ wɔbɛnya kyɛfa kɛseɛ wɔ Ghana amanyɔsɛm mpanindie mu.
Sɛdeɛ ɔkyerɛeɛ no, ɛwom sɛ mmaa di dwuma titire de boa wɔn afie ne wɔn mpɔtam deɛ, nso asɔdeɛ a ɛda wɔn so no taa hyɛ wɔn amanyɔsɛm mu botaeɛ so.
Ɔkasaeɛ wɔ JoyNews Impact Makers Foundation nkɔmmɔdie a wɔtooo din “Democracy Is Not For Sale” so wɔ Efiada, Ayɛwohomumɔ 31 no, Owuraba Atutonu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔhyɛ mmaa pii ma wɔde fie ahiadeɛ di kan ansa na wɔadwen amanyɔsɛm mu botaeɛ ho.
“Mmaa ne wɔn mmusua nnyinasoɔ. Berɛ biara wɔn adwene da deɛ me mma bɛdie, deɛ obiakara a ɔwɔ fie hɔ bɛdie so,” ɔno na ɔkae.
Ɔhyɛɛ no nsow sɛ saa asɔdeɛ yi ma mmaa pii nya berɛ ne ahodeɛ kakraa bi pɛ a wɔde bɛwura amanyɔ dwumadiɛ mu anaa wɔbɛpɛ mpanindie dibea firi mpɔtam amansin nsɛm so kɔsi ɔman mu dwumadibea.
Owuraba Atutonu kae sɛ mmaa bi a wɔkyerɛ anigyeɛ wɔ mpanindie mu no nso aba mu bu wɔ sika ahiadeɛ a ɛbata abatoɔ ho no ho, a ebi ne nsɛm a wɔka sɛ ɛwɔ sɛ wɔtua sika na ama wɔanya aba.
Ɔkaa nsɛm a ɛsisii berɛ a ahyehyɛdeɛ a ɔwɔ mu no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa mmaa a wɔrepɛ assembly ne unit committee dibea no ho nsɛm, baabi a mpɔtam bi bisaa sika kyɛfa ansa na wɔama wɔn mmoa.
“Ɛtɛ ampa sɛ ɛwɔ sɛ wosra yɛn nsa mu ansa na yɛapaw wo mpo sɛ assembly member anaa yɛato aba ama wo sɛ unit committee member,” ɔno na ɔkae.
Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ berɛ a mmaa bi a ankorankorɛ ahyehyɛdeɛ (civil society organisations) boaa wɔn no tumi boaboa wɔn mpɔtamfoɔ ano no, afoforɔ nso twee wɔn ho berɛ a akansi no mu yɛɛ den na sika amaneɛ baeɛ no.
Owuraba Atutonu siisii so sɛ tebea yi si nnipa a wɔwɔ adwene pa ne tumi a wɔde bɛsom no kwan sɛ wɔbɛkɔ anim wɔ mpanindie dibea mu, fisɛ wɔnni ahodeɛ a wɔde bɛsi akan pɛ.
“Ebia saa nipa no wɔ adwene pa, nanso sika nti, nipa no ntumi nkɔ anim,” ɔde kaaho.
Ɔserɛeɛ sɛ wɔnyɛ nsesaeɛ na ama amanyɔsɛm mu kyɛfa ayɛ mmerɛ de ma nnipa pii na wɔate sika tumi a ɛwɔ Ghana kabonakasa akwan mu no so.





Mmuae (0)