Bɔɔlbɔ Sohwɛfoɔ Eric Alagidede ahyɛ Ghana Bɔɔlbɔ Fekuo (GFA) nkuran sɛ wɔmpo FIFA nhyehyɛeɛ a akyinnyegyeɛ wɔ ho a ɛfa kyɛfa a ɛwɔ Wiase Kuruwa akansi mmoano mu a wɔbɛtɔn akyerɛ ankorankorɛ sika hyɛfoɔ no.
Nkan no Accra Great Olympics Panyin Kapanɔn gyidi sɛ saa nhyehyɛeɛ yi betumi ama bɔɔlbɔ adwadie adɔɔso dodo, tesɛ nea ɛsii wɔ FIFA mu gyeete no.
“Mewɔ adwene sɛ ɛsɛ sɛ wɔpo. Hwɛ, momma yɛndi yɛn ho ni koraa. Aane, bɔɔlbɔ adane sika dwumadie. Aane, nanso medwen sɛ Gianni Infantino ne ne hwanom retwa hɔn hyeɛ mu. Na sɛ yɛanhwɛ yie a, wɔbɛtumi atɔ tesɛ nea Seb Blatter gyaee FIFA no,” ɛno na ɔka kyerɛɛ Luv FM.
Alagidede gye di sɛ nhyehyɛeɛ no nnya mmoa fi mpotam atitiriw te sɛ UEFA ne North America.
“Wo ntumi nnane biribiara sɛ adwadie na woamma no nnyɛ den dodo ma nnipa ahu amane ansa na wɔatumi ahwɛ agorɔ a wɔdɔ no.
Nnipa dodoɔ a wɔwɔ yɛn sikasɛm ho anyansafoɔ atitiriw mu pa ara no, wɔn mu dodoɔ ahe na wɔhwɛ bɔɔlbɔ ampa? Koraa nkyɛn, bra Ghana na bisam sɛ bank panyin anaa CEO akɛseɛ ahe na wɔkɔ sitadiom Kwasiada. Wɔn mu kakraabi pɛ. Ne enti medwen sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde adwadie gu bɔɔlbɔ mu dodo.
“Hwɛ, worenya UEFA mmoa. Wɔrennya North America nso mmoa. Hwɛ, asasepɔn korɔ pɛ a ɛte sɛ nea ɛbɛtumi agye saa nhyehyɛeɛ yi to mu ne CAF, efi sɛ ɛda ho adi sɛ ekuoba nsase hwehwɛ sika no,” ɔno na ɔkae.
Ɔsan de too dwan mu sɛ sika a wɔbɛnya no, ebia wɔremfa nni dwuma a wɔahyɛ da eyi sii hɔ no, a ɛno koraa san sɛe saa nhyehyɛeɛ yi mu den hyɛ.
“Nokware no nso ne sɛ: sɛ saa sika yi bi ba a, ewieeɛ koraa no wɔremfa nni adwuma a wɔyɛee sɛ wɔde bɛyɛ no.
“Enti ma me no, medwen sɛ ɛyɛ biribi a ɛnsɛ sɛ yɛgye to mu. Ɛyɛ biribi a ɛbɛye biribi kɛse afiri FIFA ho ampa. Na wóhunuu sɛnea nnipa kwiin faa intikiti ho wɔ Wiase Kuruwa a twaam no mu. Agorɔ no yɛ mfekyɛfoɔ deɛ,” ɔde kaeɛ.
Yawoada, UEFA toow aba sɛ wɔbɛtwe hɔn ho afiri Wiase Kuruwa ho sɛ FIFA nhyehyɛeɛ no kɔ so a. Nnnɔnhwerew kakra akyi no, Concacaf, a wɔyɛɛ afe yi Wiase Kuruwa no hene no, yii nkra krataa a ɛno nso pow nhyehyɛeɛ a Infantino de too dwa no.
FIFA Titenani Gianni Infantino akyerɛ sɛ nhyehyɛeɛ no bɛhia nnipa dodoɔ pɔtee a wɔto aba ma mu san kɔ – a ɛkyerɛ sɛ emu amambusuafoɔ 211 no mu 106 na ɛsɛ sɛ wɔto aba foa nhyehyɛeɛ no so.





Mmuae (0)