Mmara nimdefoɔ bi, George Anti, aka sɛ Asɛnnibea Kɔkɔɔ no gyinaeɛ a ɛfa tumi a Office of the Special Prosecutor (OSP) wɔ de di nsɛm asee ho no yɛ “gyinaeɛ a mu da hɔ yie papaatwa”.
Wɔ ne nkasa mu wɔ Nhyira FM dwumadi “Kro Yi Mu Nsem” mu wɔ Fida, Kitawonsa 31 no, Owura Anti kaa sɛ saa gyinaeɛ no ma kwan a mmaratoa no ato ama OSP no mu da hɔ fann berɛ a ɛsan nso si ne dwumadie wɔ porɔeɛ ko mu no so dua.
Asɛnnibea Kɔkɔɔ no wɔ Wukuada, Kitawonsa 29 no, de kɔnkorɔn gye toom sɛ Office of the Special Prosecutor Act, 2017 (Act 959) no ne mmaratoa no hyia.
Asɛnnibea no buu nkontaa sɛ Mmarahyɛbadwa no wɔ tumi sɛ ɛde OSP bɛsi hɔ sɛ ɛnhwehwɛ na ɛndi porɔeɛ ne amumuyɛ a ɛne porɔeɛ bɔ abira ho nsɛm asee.
Nso, atɛmmufoɔ kuo a wɔyɛ baason no sii so dua sɛ Attorney-General no na ɔwɔ tumi koraa wɔ ɔman no nsɛmdibea nsɛm nyinaa mu. Gyinaeɛ no sii so dua sɛ Attorney-General no wɔ mmaratoa mu tumi sɛ ɔbɛgye asɛm biara amfiri OSP nsam, ato so de akɔ anim, anaa sɛ ɔbɛgyae akyi di denam nolle prosequi so.
Mmara nimdefoɔ no kyerɛɛ mu sɛ saa ahyeɛ a ɛda hɔ no firi 1992 Mmaratoa no Ahyɛdeɛ 88 mu, a ɛde nsɛmdi tumi nyinaa hyɛ Attorney-General no nsa.
Sɛnea Owura Anti kyerɛ no, tumi a OSP wɔ de di nsɛm asee no mma no nyɛ nea ɔdi ne ho ni firi AG ho. Mmom, ɛdi dwuma sɛ Attorney-General no ananmusini.
Ɔkaa sɛ saa nhyehyɛeɛ yi kyekyɛ botaeɛ mmienu pɛpɛɛpɛ: ɛma OSP ho kwan ma ɔdi ne ho ni de hwehwɛ porɔeɛ nsɛm akɛseɛ mu, berɛ a ɛde nsɛmdi ho asɔrehyɛ hyɛ Attorney-General dwumadibea a mmaratoa no ama no kwan no nsa.
Ɔhyɛɛ no nsow sɛ wɔn a wɔyɛɛ Mmaratoa no anhu sɛ wɔbɛbɔ nsɛmdi kuo a ɛdi ne ho ni koraa a ɛwɔ Attorney-General Dwumadibea no akyi.
“Sɛnea Asɛnnibea Kɔkɔɔ no gyinaeɛ teɛ no, Attorney-General no tumi de nsɛmdi tumi bi hyɛ ekuo afoforo nsa, a OSP ka ho. AG no tumi san gye saa tumi no firii wɔn nsam berɛ biara,” ɔka kyerɛɛ dwumadi hyehyɛfoɔ, Nana Ampratwum.
“Gye sɛ wɔyɛ nsakyeraeɛ wɔ 1992 Mmaratoa no mu, titiriw Ahyɛdeɛ 88, a ɛkyerɛ sɛ amumuyɛ nsɛmdi nyinaa wɔ ɔman no mu no, ɛsɛ sɛ ɛfiri Attorney-General nkyɛn na ɛba no, mfasoɔ nni so ɛmfa ho ahyehyɛeɛ dodoɔ a wɔde bɛsi hɔ de ako tia porɔeɛ, kɔtoeɛ ne amumuyɛ afoforo. Biribiara nsesa ɛfiri sɛ tumi a wɔde hyɛ amumuyɛ nsɛmdi ase no hyɛ Attorney-General no nsa 100%,” ɔgyinae.
Mmara mu benfoɔ no ka sɛ gyinaeɛ no de awieiɛ to adwene a ɛkyin fa ntɔkwa a ɛbɛtumi aba OSP ne Attorney-General dwumadibea ntam no ho.
Wɔde OSP sii hɔ wɔ afe 2017 mu sɛ ɛne porɔeɛ bɛko denam anisoadehyeɛ ne ntɛmsoɔ kɛseɛ so. Firi berɛ a wɔhyɛɛ aseɛ no, nsɛmmisa pii aba wɔ sɛ ebia ne dwumadie no hyɛ anaa ɛgu AG mmaratoa mu dwumadie no so ase.
Esiane Asɛnnibea no nso so dua nti, OSP bɛtumi ato so de ne nhwehwɛmu ne nsɛmdi akɔ anim, nso ɛbɛyɛ saa wɔ Attorney-General nhwɛsoɔ ase.
George Anti san de ne dwene baa Asɛnnibea Kɔkɔɔ no gyinaeɛ a ɛfa adwumayɛfoɔ/delegates nhyehyɛeɛ ho no so, na ɔda dadwen adi sɛ amanyɔkuo no de nhyehyɛeɛ foforo di dwuma wɔ wɔn mu abatoɔ mu.
Ɔhyɛɛ no nsow sɛ 1992 Mmaratoa, Political Parties Act, ne mmara afoforo a ɛne no wɔ kɔkɔɔ no kyerɛ sɛ ɔman abatoɔ ne amanyɔkuo mu abatoɔ nyinaa no, nnyinasosɛm korɔ no ara na ɛdi wɔn so wɔ kwan a ɛfa ahofadi a wɔde ba kuo mu ho.
Owura Anti gye di sɛ Asɛnnibea Kɔkɔɔ no atɛmmuo no yɛ anammɔn fɛfɛɛfɛ a ɛkɔ anim ɛfiri sɛ ɛne Mmaratoa no hyia.
“Sɛ wohwɛ gyinaeɛ no firi mmara kwan so a, ɛyɛ gyinaeɛ a mu da hɔ yie papaatwa,” ɔkaa sɛ. “Wɔ mmara kwan so no, Mmaratoa korɔ no ara a ɛdi ɔman abatoɔ so no na ɛdi amanyɔkuo nhyehyɛeɛ so wɔ ahofadi a wɔde ba kuo mu ho ahyɛdeɛ ne Political Parties Act no ase. Enti asɛmmisa no ne sɛ, adɛn nti na yɛwɔ nhyehyɛeɛ ahodoɔ de pa obiarawɔ bɛkɔ akɔsi akan na wanya abɛyɛ Mampanyin?” ɔbisae.




Mmuae (0)