Wɔ me nna 30 a edi kan ntam sɛ Chief Executive Officer a ɔwɔ Ghana International Bank (GHIB) no, medii adwumayɛ nna 10 wɔ Ghana. Meyɛɛ saa efisɛ megye di denneennen sɛ, na watumi adi GHIB anim yiye no, ɛhĩa kɛse sɛ m'ani de behu adwumayɛfoɔ, nnwuma ahodoɔ ne amansan a wɔahyehyɛ yɛn Sikakorabea yi bɔbor mfe aduosia.
Saa nna 10 no hyɛɛ me gyidi den sɛ GHIB kwan kɛse a ɛda hɔ no nni eguadi sika nko aa a yɛde ma no mu, na mmom ɛwɔ sɛ yɛne Ghana nnwumakuo bɛbɔ mu adwuma berɛ a wɔretrɛw wɔn nnwuma mu kɔ wiase afanaa nyinaa. Na ɛyɛ nsrahwɛ a emu wɔ mfaso ne nkuranhyɛ kɛse a ɛma minyaa ahotoso bɔbor da biara sɛ Ghana kwan kɛseɛ pa ara da yɛn anim.
Ghana nnyɛ yɛn gua ahodoɔ no mu baako kɛkɛ. Ɛyɛ yɛn fie, yɛn agyapadeɛ ne nnyinasoɔ a wɔgyinaa so tee GHIB. Firi mfeɛ 1959 no, yɛasom sɛ twene a ɛda Ghana ne wiase sika dwetir gua ahodoɔ ntam. Ndɛ, saa dwumadi no ho hia sen berɛ biara wɔ yɛn abakɔsɛm mu.
Wɔ me nsrahwɛ no mu no, minyaa kwan ne adwumayɛfoɔ, sikakorabea ayɔnkɔfoɔ, nhyehyɛeɛ so ahwɛfoɔ, aban asoeɛ asoafoɔ, aban nnwumakuo, adwumayɛfo a wɔsomano nneɛma kɔ aburokyire, nwomtofoɔ/nneɛma yɛfoɔ ne nnwumawura bi hyiae. Nea ɛho hia kɛse no, mehyiaa wɔn wɔ baabi a mfasoɔ no fi ba—wɔ adwumayɛbea akɛseɛ, nneɛma siebea, hyɛn gyinabea, nneɛma asiesiebea ne adwumayɛso. Kwan biara nni hɔ a wɔde bɛsiesie nnwuma a wɔde wɔn ani behu. Nimdeɛ a yɛnyae wɔ asase so no kyɛn nea yɛnya wɔ nhyiamdan mu anaa kyerɛkyerɛmu ahodoɔ mu kwraa.
Nea ɛkyɛr me kɔn kɛse pa ara ne Ghana nnwumakuo anisoadehyeɛ. Wɔ adwuma biara mu no, mehyiaa nnwuma akannifoɔ a wɔasi wɔn bo sɛ ɛnnyɛ wiase gua so kɛkɛ na wɔbɛkɔ, na mmom wɔbɛsi akan agye abasobɔdeɛ wɔ wiase afanaa nyinaa.
Ebia nea ɛhyɛɛ nkuran kɛse pa ara ne sɛ m'ani de huu nneɛma a wɔayɛ no fɛfɛɛfɛ, ayɛ no, na wɔahyehyɛ no wɔ Ghana a ɛnnyɛ sɛ ɛne American, European ne Chinese nneɛma a agye din no bɔ mu si akan wɔ wiase gua so nko aa, na mmom ɛtɔ da a ɛkyɛn saa nneɛma no po. Ghana nnwumawura anisoadehyeɛ, nsusuiɛ foforɔ ne boasetɔ ma megyee dii sɛ man no sikasɛm nkɔsoɔ foforɔ no, nnwuma a etumi si akan wɔ wiase afanaa na ɛbɛkanyan no. GHIB wɔ asodeɛ soronko sɛ ɛbɛboa wɔn ma wɔadu saa anisoadehyeɛ no ho denam wiase sikakorabea som, eguadi sika ma ne sika dwetir a wɔhĩa na wɔadi nkonim no so.
Saa anisoadehyeɛ korɔ no ara daa adieɔ wɔ me ne amanyɔfoɔ nkɔmmɔbɔ mu. Me ne Sikasɛm Soafoɔ, Dr Cassiel Ato Forson; Aburokyire Nsɛm so Soafoɔ, Samuel Okudzeto Ablakwa; ne Eguadi, Kuadwuma ne Nnwuma so Soafoɔ, Elizabeth Ofosu-Adjare nhyiamu no kyyerɛɛ Aban no asi-amasi sɛ ɔbɛkanyan nkɔsoɔ denam sika de to mu, adwuma yɛbea ne nneɛma a wɔsomano kɔ aburokyire nkɔsoɔ so. Saa nkɔmmɔbɔ yi nnyɛ nhyehyɛeɛ ho nsɛm kɛkɛ; na ɛfa dwumadi, adwuma a wɔyɛ ne sikasɛm a etumi si akan wɔ wiase afanaa so hyehyɛ ho.
Berɛ a me nsrahwɛ no kɔɔ so no, mehuu asɛm titiriw baako. Sɛ ɛyɛ Sikasɛm Asoeɛ; Eguadi, Kuadwuma ne Nnwuma Asoeɛ; Dɔnhwere 24 Sikasɛm ne Nneɛma a Wɔsomano kɔ Aburokyire Nkɔsoɔ Pologram Ahwɛfoɔ (Secretariat of the 24-Hour Economy and Accelerated Export Development Programme); COCOBOD; Ghana Sika Kɔkɔɔ Boadi (Ghana Gold Board); Ghana Nneɛma a Wɔahyehyɛ Sika De To Mu Sika (GIIF); Agudeɛ Mfasoɔ Sika De To Mu Sika (MIIF); anaa nnwumakuo pii a wɔkanyan Ghana sikasɛm nsakraeɛ no, adwumakuo biara de anisoadehyeɛ ahodoɔ a wɔayɛ de bue nkɔsoɔ wɔ ne dwumibea no toom.
Ɛwom sɛ wɔn adwuma titiriw nsusuansoɔ suban nse pɛ deɛ, nanso wɔn nyinaa kyerɛɛ kwan baako: sɛ wɔbɛdan anisoadehyeɛ ayɛ no nokware a, ɛhĩa sɛ wɔnya sika dwetir a ɛkyɛ ne nea wɔahyehyɛ no yiye.
Adesua titiriw baako a ɛbaa me ne MIIF ne Dɔnhwere 24 Sikasɛm Asoeɛ nhyiamu no mu ne sɛ: Akwansideɛ kɛseɛ baako a ɛsi wiase sika de to mu anim ne sɛ dwumadhi a asiesie ho a nhwehwɛmu pa, sikasɛm nhyehyɛeɛ a emu yɛ den ne ahotosoɔ a ɛfata taa akyi no nnɔɔso. Nea ɛhyɛ nkuran no, saa nnwumakuo mmienu yi nyinaa de sika pii reto adwuma siesie mu, de rebue kwan ama adwuma a wɔahyehyɛ no yiye a sikakorabea biara bɛtumi de sika ato mu a ɛfata wiase gyinapɛn ahodoɔ.
Denam aban, nkɔsoɔ sikakorabea ahodoɔ, afotufoɔ ne ankorankorɛ a wɔde sika to mu a yɛne wɔn bɛbɔ mu adwuma no so no, GHIB tumi di dwuma kɛseɛ denam sika nhyehyɛeɛ siesie ne saa kwan ahodoɔ yi ne wiase sika dwetir gua bɔm so. Wɔ saa yɛ mu no, yɛtumi boa kanyan sika de to mu wɔ adwumayɛbea ahodoɔ a ɛbɛma Ghana daakye sikasɛm nkɔsoɔ akɔ anim.
Wɔ saa nkɔmmɔbɔ yi nyinaa mu no, gyidi baako bɛyɛɛ den kɛseɛ wɔ nkɔmmɔbɔ biara mu:
Adwene pa a sika nni akyi no nko biara.
Adwuma biara a ɛde nsakraeɛ ba no hyɛ aseɛ ne anisoadehyeɛ, nanso anisoadehyeɛ biara hĩa sika dwetir ansa na atumi abue nnwuma, ahyɛ nnwumakuo den anaa asiesie asetena. Ghana nni adwene pa anaa anisoadehyeɛ ho ahoɔhĩa. Nea nhyehyɛeɛ pii hĩa ne wiase sikakorabea ayɔnkɔ a wɔtumi de wɔn ho to wɔn so a wɔtumi boaboa sika dwetir ano, hyehyɛ sika kwan a ɛyɛ fɛ na wɔne wiase sika de to mu adwumayɛfoɔ bɔm. Ɛha pa ara na GHIB tumi yɛ nsakraeɛ a emu wɔ mfasoɔ.
Yɛn kwan yɛ dambaa. Yɛpɛ sɛ yɛne nhyehyɛeɛ nyinaa a ɛtwa yɛn adwumayɛfoɔ ho hyia no di dwuma—ɛnnyɛ adwuma no nkutoo, na mmom emu wura, adwumayɛfoɔ akannifoɔ, nneɛma de ma foɔ, adwumayɛfoɔ ne nneɛma tɔfoɔ. Denam nhyehyɛeɛ no emu nyinaa nteaseɛ so no, yɛtumi de sikasɛm nhyehyɛeɛ a ɛyɛ pɛ, etumi adwuma yiye na emu boɔ nnya den ma nnwuma wɔ wɔn nkɔsoɔ mmerɛ nyinaa mu.
Yɛrehyɛ eguadi sikakorabea ahodoɔ, nkɔsoɔ sikasɛm nnwumakuo, Ghana EXIM Bank, aban nnwumakuo ne nnwumakuo titiriw foforɔ nkuran sɛ wɔnhwɛ GHIB sɛ wɔn ankasa wiase sikakorabea ayɔnkɔ. Denam mmoabɔ so no, yɛtumi hu sɛ mfasoɔ a yɛnya fi wiase sikakorabea dwumadi mu no pii kɔ so ba Ghana, de taa sika de to mu, eguadi ne sikasɛm nkɔsoɔ a ɛtena hɔ daa akyi.
Yɛn anisoadehyeɛ yɛ mmerɛ: berɛ biara a Ghana nnwumakuo, sikasɛm nnwumakuo anaa sika de to mu adwumayɛfoɔ dwen wiase afanaa ho no, yɛpɛ sɛ Ghana International Bank yɛ wɔn yi a edi kan. Ɛnte sɛ wiase sikakorabea pii no, yɛn nkonimdie no de mfasoɔ ba Ghana so tɛɛ. Yɛn mfasoɔ no, yɛsan de to Ghana sikasɛm mu na yɛde ma yɛn Ghana deɛ a wɔwɔ kyɛfa wɔ mu no, a ɛde nkɔsoɔ korɔ a ɛtaa ɔman nkɔsoɔ, sika de to mu ne yiyedi akyi ba.
Deɛ ɛbɛtaa saa anisoadehyeɛ no akyi no, yɛretrɛw yɛn adwumakuo ne nnwumakuo akɛseɛ sikakorabea ahotosoɔ mu kɛse. Ndɛ, nea yɛde ma no kɔ eguadi sika ma, nneɛma sika ma, adwuma sika nhyehyɛeɛ, amannɔne sika de bɔ bosome, treasury som ahodoɔ, amannɔne sika sesa, asiane so hwɛ, asiane so siw nhyehyɛeɛ ne sika dwetir gua nkitahodi a ɛma nnwumakuo tumi di sikasɛm nsesayeɛ so ne ahotosoɔ.
Baabi baako a megye di sɛ GHIB tumi gyina hɔ sɛ wiase kannifoɔ pa ara ne nneɛma sika ma mu. Abibirem wɔ wiase abodeɛ agyapadeɛ a som boɔ kɛse pa ara, nanso mfasoɔ a ɛfiri saa agyapadeɛ no mu ba no pii kɔ so ba baabi foforɔ. Yɛn anisoadehyeɛ ne sɛ yɛbɛde Ghana International Bank asi hɔ sɛ Abibirem nnneɛma ne abodeɛ agyapadeɛ sikakorabea titiriw, a ɛtaa adwuma ahodoɔ a sika kɔkɔɔ, kookoo, ngo ne gyaasi, bauxite, agudeɛ a ɛho hia ne nneɛma titiriw foforɔ ka ho akyi.
Yɛn botaeɛ ne sɛ yɛbɛma sika dwetir, asiane so hwɛ, eguadi nhyehyɛeɛ ne wiase gua so kwan wɔ nneɛma nhyehyɛeɛ no nyinaa mu, a ɛma Abibirem agyapadeɛ tumi de mfasoɔ kɛseɛ ba Abibirem sikasɛm mu berɛ a ɛde mmoa ma adwumayɛbea akɛseɛ wɔ asasepɔn no nyinaa so.
Berɛ a yɛn adwumayɛfoɔ kɔ so nyin no, GHIB nso bɛboa wɔn ma wɔanya kwan kɔ wiase sika dwetir gua ahodoɔ so. Denam yɛn kwan ahodoɔ a yɛretrɛw mu ne sika dwetir gua tumi so no, yɛbɛboa nnwumakuo ma wɔaboaboa mfeɛ pii sika dwetir ano, atwe wiase sika de to mu adwumayɛfoɔ na wɔayɛ nkitahodi ahodoɔ a ɛbue kyɛfa Wura mfasoɔ ne nkɔsoɔ a ɛbɛba daakye.
Exporters (nneɛma somanofoɔ) mmoa no da so yɛ yɛn botaeɛ titiriw.
Denam yɛn ne fie sikakorabea ahodoɔ, Ghana EXIM Bank ne ayɔnkɔfoɔ foforɔ a yɛne wɔn bɛbɔ mu adwuma so no, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ Ghana nneɛma somano adwuma mu den denam wiase sikakorabea tumi, eguadi sika ne amannɔne sika nhyehyɛeɛ a ɛma Ghana nnwumakuo tumi si akan yiye wɔ wiase afanaa nyinaa so no ma.
Wɔ yɛn adwumakuo anisoadehyeɛ nkyɛn no, me nso m'ani gyei wɔ nkurɔfoɔ mmuaeɛ a wɔde maeɛ wɔ yɛn ankorankorɛ sikakorabea nhyehyɛeɛ a yɛreyɛ no ho. Yɛn anisoadehyeɛ kɔ akyiri sen ankorankorɛ sikakorabea dada no. Yɛresi wiase sikakorabea su ma Ghana nnwumawura, nnwumakuo a wɔreyɛ adwuma wɔ wiase afanaa, ankorankorɛ a wɔwɔ sika pii ne Ghanafoɔ a wɔte amannɔne nyinaa.
Denam wiase gyinapɛn dɛgedɛge (digital) mfididwuma, adwumayɛ som a ɛda nsow ne amannɔne sikakorabea tumi a ɛkyɛn so no so no, yɛpɛ sɛ yɛyɛ sikakorabea ayɔnkɔ a adwumayɛfoɔ a wɔn ankorankorɛ ne wɔn adwuma asetena kɔ mmaan pii mu no bɛyi yɛn di kan.
Saa nhyehyɛeɛ yi akoma mu bɛyɛ dɛgedɛge (digital) platform a ɛwɔ bɔne ho banbɔ, ɛyɛ mmerɛ de di dwuma a ɛma adwumayɛfoɔ tumi nya wiase sikakorabea som wɔ baabiara a wɔwɔ wɔ wiase.
Nea ɛsen nyinaa no, saa nsrahwɛ yi hyɛɛ gyidi mmerɛ yi den: yɛn adwumayɛfoɔ na wɔwɔ biribiara a yɛyɛ no akoma mu.
Sika de to mu biara a yɛyɛ—wɔ yɛn adwumayɛfoɔ, mfididwuma, nneɛma ne wiase ayɔnkɔfa mu—ɛwɔ sɛ deɛ ɛba no awiei no ɛma ɛyɛ mmerɛ ma yɛn adwumayɛfoɔ sɛ wɔbɛdi gua, de sika ato mu, atu kwan, anyin na wɔanya yiyedi.
Mepɛ sɛ meda obiara a ɔgyee Ghana International Bank kuo no fɛfɛɛfɛ wɔ saa nsrahwɛ yi mu no ase akoma nyinaa mu. Wɔn anigyeɛ, afotu pa ne ahotosoɔ a wɔwɔ wɔ yɛn daakye mu no, yɛkyerɛ ho anigyeɛ kɛse. Wɔn anisoadehyeɛ hyɛ yɛn nkuran, wɔn ayɔnkɔfa hyɛ yɛn den na wɔn nkonimdie bɛkɔ so akyerɛ yɛn deɛ.
Sɛ m'ani de ahu ahoɔden, nsusuiɛ foforɔ ne asi-amasi a ɛwɔ Ghana aban ne ankorankorɛ nnwuma mu no, megye di sɛ ɔman no wɔ gyinabea pa ara sɛ ɛbɛyɛ Abibirem sikasɛm a nneɛma somano kanyan no mu baako a edi kan.
Yɛn anisoadehyeɛ mu da hɔ: sɛ yɛbɛsi wiase sikakorabea a edi kan ma Ghana na, mmerɛ a ɛrekoɔ no mu no, yɛabɛyɛ Abibirem amannɔne sikasɛm nnwumakuo a wɔbu no kɛseɛ pa ara baako—a ɛne Abibirem adwumakuo bɔ wiase sika dwetir, wiase gua ahodoɔ ne wiase kwan ahodoɔ mu.
Bɔbor mfe aduosia (60) no, GHIB ka Ghana sikasɛm abakɔsɛm ho. Ti foforɔ a ɛreba no bɛyɛ yɛn anisoadehyeɛ kɛseɛ pa ara a yɛanya pem ndɛ.
Yɛne nyinaa bom a, yɛbɛsi eguadi twene a emu yɛ den kɛseɛ wɔ Ghana, Abibirem ne wiase ntam, a ɛde wiase sikakorabea ba a Ghanani biara tumi de hoahoa ne ho sɛ ɛyɛ n'ankasa deɛ.
Ghana International Bank—Ghana Wiase Sikakorabea.
–
Nam Ian Greenstreet, Ghana International Bank (GHIB) Panin Kɛse (Chief Executive Officer) so




Mmuae (0)