Sika Ntotoeɛ Dwumadibea no ama awerɛhyɛm sɛ Ghana bɛduru ne sika boaboano botaeɛ no so wɔ 2026 mu.
Dwumadibea no anidasoɔ no gyina adwuma a aban no ayɛ wɔ nsiesiei a ɛrekɔ so, ntotoeɛ anammɔntuo ne nokware a ɛwɔ sɛ sika boaboano taa kɔ nkan pa ara wɔ afe biara nkyekyɛmu a ɛtɔ so 3 ne 4 mu.
Sika Ntotoeɛ Soafoɔ no Mfididwuma mafoɔ (Technical Advisor), Dr. Theo Achampong, daa eyi adi wɔ PM EXPRESS BUSINESS EDITION dwumadii mu a George Wiafe na ɔyɛɛ ne wura wɔ Kitawonsa 30, 2026.
“Yɛwɔ gyidi kɛseɛ sɛ tow anammɔntuo dodow no ara a yɛde baeɛ wɔ 2026 Sika Ntoho (Budget) mu no reye adwuma, na ɛyɛ berɛ kakra pɛ,” Dr. Acheampong sii so dua.
Saa awerɛhyɛm yi reba wɔ berɛ a ebi agye akyinnyeɛ sɛ ebia aban no bɛbrɛ ansa na waduru afe awiei botaeɛ no so ɛnam sɛnea nneɛma akɔ so no nti.
Nanso berɛ a ɔrekasa wɔ PM Express Business Edition so no, Dr. Acheampong kae sɛ aban no da so gyina ne nkɔmhyɛ ne nnwuma akɛseɛ sikasɛm (macroeconomic) botaeɛ afoforɔ so.
“Ɛnsɛ sɛ yɛwerɛ fi nso sɛ yɛrehu mmere kwan so nsakraeɛ bi wɔ saa nkontabuo yi so, nanso berɛ a nneɛma rekɔ so no, tebea no bɛsi ne kwan mu wɔ botaeɛ ahodoɔ no so duru mu”, ɔde kaa ho.
Ɔsane de tow bɔeɛ sɛ aban no ne nsɛm a ɛfa ho dwumadibea afoforɔ reye adwuma wɔ tow ho nteteeɛ a ɛho hia so, a ɛbɛboa ma nkurɔfoɔ adi mmara so na wɔaboaboa tow ano.
Aban no de botaeɛ sii hɔ sɛ ɔbɛboaboa sika GHS105.2 billion ano wɔ Ayɛwohomummɔ afe yi awiei. Nanso, nkyerɛkyerɛmu a ɛdi kan kyerɛ sɛ sika no kɔduu GHS103.7billion.
Berɛ a ɔrekasa wɔ saa dwumadii koro no ara so no, Partner wɔ PwC Ghana, Abeiku Gyan Quansah, kyerɛɛ ne dadwen sɛ sɛ aban no toaso de mprempren anammɔntuo yi di dwuma a, anidasoɔ wɔ sɛ ɛbɛwie 2026 berɛ a waduru botaeɛ a wɔde hyɛɛ sika ntoho no mu no so.
Ɔhyɛɛ no nsow sɛ mprempren sika boaboano dwumadie nkɔsoɔ kyerɛ sɛ sɛ wɔte tow gyinapɛn no so a, ɛbɛboa pa ara ma nkurɔfoɔ adi mmara so na wɔaboaboa tow ano.
Berɛ a ɔde ne dwene kɔbaa dwumadii no mu no, Chief Executive wɔ Ghana National Chamber of Commerce and Industry, Mark Badu Aboagye, sane kyerɛkyerɛɛ aban no gyinaeɛ a ɔsii sɛ ɔbɛyi 20% excise duty afiri aduaba nsuo (fruit juices) so no sɛ anammɔn pa, a ɛbɛboa pa ara ma nneɛma yɛfoɔ nnwuma dodow no ara a wɔwɔ ɔman yi mu no atumi nsi akan yie.
Owura Aboagye sane kyerɛkyerɛɛ mprempren tow tebea no sɛ ɛyɛ ma nnwuma, a ebia ɛbɛboa wɔn ma wɔadi mmara so wɔ mmerɛ a ɛreba no mu.




Mmuae (0)