Asian Football Confederation (AFC) ka sɛ wɔ “gyina pintinn koro mu” ne Uefa ne Concacaf de ko tia Fifa nsusuiɛ a ɛne sɛ wɔbɛtɔn kyɛfa a wɔwɔ wɔ wɔn akansi mu ama ankorankorɛ sika hyɛfoɔ.
Wɔ nkasaeɛ a wɔdaa no adi Efiada no mu no, AFC kaa sɛ Fifa tenpɔnni Gianni Infantino nhyehyɛeɛ no ntumi “mfa adwene koro ne baakoyɛ a ɛho hia pa ara na nkɔsoɔ bɛba no mbra nneyɛeɛ mu”.
“Fifa Wiase Kuruwa akansi no ne wiase bɔɔlbɔ sorosoro pa ara na ɛnya emu den firi Kuobɔ nyinaa ne wiase bɔɔlbɔ aman a wɔdi kan no kyɛfa mu,” na wɔkaa akyire.
“Nsusuiɛ biara a ɛde asiane bɛba baakoyɛ ne wiase nyinaa suban a akansi no wɔ so no ɛsɛ sɛ wɔsane dwene ho bio.”
AFC a wɔreko tia yi kyerɛ sɛ ɛyɛ den sɛ asɔremba no bɛpene Infantino nhyehyɛeɛ no so sɛ wɔde to aba mu a.
Esia bɔɔlbɔ amammuo kuo no bɔɔ Fifa soboɔ sɛ wɔasane akyerɛ “kwan a wɔbɛfa so” ama “dwumadie kɛseɛ” ansa na wɔagye afotuɔ afiri wɔn a asɛm no fa wɔn ho no hɔ.
Wɔkaa sɛ Fifa a wamfa nsusuiɛ no amto ne asɔremba akuo anim no “ayi mmerɛwyɛ pa ara adi wɔ Fifa afotuɔgye ne adwenesi akwan so a ɛsɛ sɛ seesei wɔde ano aduru ma no”.
AFC sane kasa tiaa Fifa sɛ wɔama “Kuobɔ ahorow, Asɔremba Akuo ne mpo Fifa amammuo akuo ankasa, a Fifa Council ka ho, ate nka sɛ wɔagya wɔn akyi.
“AFC resrɛ Fifa sɛ wɔnyɛ ntɛm so nhwehwɛmu wɔ ne mpaninfo amammuo ne adwenesi nhyehyɛeɛ mu na ama wɔahwɛ sɛ nsusuiɛ a ɛho hia wiase nyinaa no, wɔnam afotuɔgye pa, nkɔmɔdie a mfasoɔ wɔ so ne Fifa mmara kwan so akuo akyihwɛ pa so na ɛyɛeɛ.”
Nsɛm pii beba renkyɛ….




Mmuae (0)