Lead Partner a ɔwhɛ Mfididwuma ne Nsesaeɛ so wɔ Deloitte Ghana, Roland Baah Teye, aka sɛ Artificial Intelligence (AI) yɛ adwinnadeɛ a ɛma sikasɛm nya mpuntuo na ɛnyɛ mfididwuma dwumadi kɛkɛ.
Sɛnea ɔkyerɛeɛ no, Sikasɛm Mu Mpuntuo (GDP) ba bere a nkurɔfoɔ ne ahyehyɛdeɛ de nneɛma a wɔwɔ yɛ nneɛma a ɛsom bo kɛseɛ, na ɛno ti AI tumi boa yei denam basabasa yɛ a ɛso bɛte, adwene a ɛsi wɔ adeyɛ so bɛtu mpɔn, ntɛm yɛ bɛdɔɔso ne akwan foforɔ a wɔbɛbue ama adwene foforɔ yɛ.
Bere a ɔrekasa wɔ 2026 Ghana AI Summit and Awards ase no, Owura Teye, a ɔsan yɛ Deloitte Africa Operate and Industry Domain Leader no, hyɛɛ nnwumakuo nkuran sɛ wɔmfa AI ndi dwuma de ma dwumadie a wɔde ma atɔfoɔ tu mpɔn, wɔnhyɛ nneɛma kyɛ mu den, wɔnhwehwɛ nnaadaa mu, wɔmma afidie nyɛ daa nnwuma kɛseɛ, na wɔnhwehwɛ sika foforɔ a wɔbɛnya akwan mu.
“Ma aban no, AI bɛma nhyehyɛeɛ a egyina nkyerɛkyerɛmu so atu mpɔn, akyɛ nneɛma yie, ne deɛ ɛkeka ho. Ma adwumayɛfoɔ anaa aguadifoɔ nso, AI bɛboa wɔn ma wɔayɛ nsiesiei a ebitumi atrɛ aka baabi a ɛboro fie dwam”, ɔde kaa ho.
Adwuma ne Adwumayɛ Daakye
Ɔtoaaso sɛ AI bɛma afidie ayɛ adwuma ahodoɔ bi, titire ne deɛ wɔtaa yɛ no daa daa no.
“Wɔ bere korɔ no ara mu no, ɛbɛbue kwan ama nimdeɛ foforɔ ne dwumadie foforɔ wɔ data analysis, AI governance, cybersecurity, digital product development, AI assurance, change management, ne nnipa ne AI nkitahodie mu”.
Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ adwumayɛ daakye nnyina wɔn a wɔyɛ AI nhyehyɛeɛ nko aa so, na mmom ɛbɛyɛ wɔn a wɔtumi de AI di dwuma wɔ asodie mu de ma wɔn adwuma tu mpɔn no nso deɛ, sɛ wɔyɛ sika nkontabuofoɔ (accountants), ndɔktafoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, mmaranimfoɔ, injiniyafoɔ, aguadifoɔ, aban nnwumayɛfoɔ, anaa nsaano adwumayɛfoɔ.
Wɔ Deloitte adwene mu no, Owura Teye kae sɛ AI nsesaeɛ a ɛdi mu nnya ne ho denam adwinnadeɛ bi tɔ anaa mfitiaseɛ dwumadie a wɔbɛbue nkuto so, na mmom ɛhwehwɛ mpaninfoɔ akandie, afotu ne nhyehyɛeɛ, data ahoboa, mfididwuma, nimdeɛ, nhyehyɛeɛ ne afahyɛ a wɔbɛfata bom adi dwuma.
Neɛ edi kan, ɔkae sɛ ahyehyɛdeɛ ahodoɔ wɑse sɛ wɔkyerɛ wɔn AI botaeɛ pefee. Wɔwɔ sɛ wɔnya emu da ho sɛ wɔpɛ sɛ wɔte ka so, wɔma kwan so som tu mpɔn, wɔyɛ nneɛma foforɔ, anaa wɔsesa wɔn guadibo koraa.
Neɛ ɛtɔ so mmienu, ɔkyerɛeɛ sɛ ahyehyɛdeɛ ahodoɔ wɑse sɛ wɔsa data ahoboa ho asɛm, na neɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔwɔ sɛ wɔpaw mfididwuma a ɛfata wɔn botaeɛ, wɔn tumi, ne nneɛma a ɛde asiane ba wɔn atwa yie mu.
Wɔ nsa a wɔto frɛ nnipa ma wɔnyɛ adwuma mu no, Deloitte Partner no hyɛɛ Ghana nkuran sɛ ɔnsi nimdeɛ, ahyehyɛdeɛ, ne nkabom a ɛho hia na ama wɔade AI adi dwuma kɛseɛ.
Ɔsan tuu ɔman no fo sɛ wɔmfa wɔn adwene nsi haw ahodoɔ a ɛwɔ hɔ ampa so, na ɔkae sɛ AI nsiesiei a ɛye pa ara ne deɛ ɛbɛma adwumayɛ atu mpɔn, bɛtrɛ kwan mu ama nnipa kɛseɛ, bɛte sɛeɛ so, bɛhyɛ dwumadie den, na abue akwan a ɛsom bo.
Ɔsane sii Deloitte bo a wɔabɔ sɛ wɔbɛboa AI akwantuo no so denam adwene pa, nkabom, mmoa a wɔde bɛma, ne nsiesiaeɛ ho su ampa so.
“Yɛgye di sɛ Ghana wɔ nimdeɛ, botaeɛ ne aguadi mu ahoɔden a ɛbɛma wɔabɛyɛ AI kannifoɔ kɛseɛ wɔ Africa”.
Nneɛma Foforɔ Yɛ so Panyin wɔ Nkitahodi, Mfididwuma ne Nneɛma Foforɔ Yɛ Ministry mu, Emmanuel Ofori, a ɔgyinaa ɔsoafoɔ no ananmu no kae sɛ AI yɛ dum a ɛho hia pa ara wɔ Ghana sikasɛm mu nsesa mu.
Ɔde kaa ho sɛ ɔman no ne ne UN afɛfoɔ nyinaa lereyɛ adwuma na ama wɔanya ɔman AI nhyehyɛeɛ ma mfeɛ 10 a ɛreba no a ɛwɔ botaeɛ pefee ma afe biara.
Sɛnea ɔkyerɛeɛ no, yei bɛma ɔman no atumi ahwɛ kwan a AI mpuntuo kɔ so wɔ ɔman no mu.
Ghana AI Summit no ti ne “Artificial Intelligence for Economic Growth and Job Creation: Innovation, Inclusion and Future Jobs”.




Mmuae (0)