Kani a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ New Patriotic Party (NPP) mmarahyɛbadwani ma Adentan Constituency, Akosua Manu, de krataa akɔma Mmarahyɛbadwa Kasamafoɔ, Alban Bagbin, sɛ ɔmfiri ntɛnyene anaa asotwe anammɔntuo ase ntia Ahafo Ano South East mmarahyɛbadwani, Mohammed Yakubu, wɔ nsɛm a wɔkeka sɛ ɔka kyerɛɛ abayewa a ɔnyinii a ɔwɔ mfeɛ nkron berɛ a ɔsrasraa Mmarahyɛbadwam.
Wɔ krataa a ɔde kɔmaa Kasamafoɔ no mu no, Akosua Manu kaa sɛ video bi a ɛrenante wɔ social media so kyerɛɛ MP no sɛ ɔreka kyerɛ abofra no sɛ ɔbɛware no na ɔbɛyɛ ne yere.
Ɔgyinaeɛ sɛ, sɛ nsɛm no yɛ fɛw anaa agorɔ mpo a, na ɛnfata koraa firi sɛ na ɛfa abofra a ɔnnya nnyinii ho na ɛba fɔm sene gyinapɛn a wɔhwɛ kwan firi mmarahyɛbadwani hɔ.

Wɔ ne kwan so no, Mmarahyɛbadwa, sɛ Ghana kuo kɛseɛ a ɛwɔ demokrasi mu no, ɔwsɛ sɛ ɛsɔ tenenee, obuo ne asɔdie mu dennen wɔ gyinapɛn a ɛkorɔn pa ara mu.
Ɔsiisoɔ sɛ sukuuma a wɔba Mmarahyɛbadwam no sse sɛ wɔwira mmarahyɛbadwafoɔ suban ho anigyeɛ kɔ fie sene sɛ wɔbɛte nsɛm a ɛbɛtumi asa kurofoɔ werɛhyɛ wɔ kuo no bɔmmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛbɔ abofra ho ban no mu.

Krataa no kyerɛ sɛ MP no suban no bubuu Mmarahyɛbadwa no nhyehyɛeɛ Mmara (Standing Orders) 30(c), 31(1) ne 31(o) mu na na ɛne Mmofra Mmara (Children’s Act), 1998 (Act 560), sɛnea wɔayɛ no foforɔ no, Amanyɔmma (Constitution) no, UN Ahyɛdeɛ a ɛfa Mmofra Hokwan ho (UN Convention on the Rights of the Child) ne Abibirem Ahyɛdeɛ a ɛfa Mmofra Hokwan ne Yiyedie ho (African Charter on the Rights and Welfare of the Child) nhyia.
Akosua Manu hyɛɛ Kasamafoɔ no den sɛ ɔmpepɛ asɛm no mu na ɔnhwɛ asotwe ho, a ɛbi ne sɛ wɔbɛtu no afiri mmarahyɛbadwam wɔ Standing Order 36 ase, de asi so dua sɛ Mmarahyɛbadwa yɛ adwuma den sɛ ɛbɛbɔ mmofra ho ban na sɔ fie no enyonyam mu.
Ɛbere a ɛte saa no, MP no de kyɛpa a biribiara nni akyi ato fɔm bere a amansan akasa atia no kɛseɛ no.
Wɔ nkitahodi krataa a ɛyɛ July 31, 2026 mu no, mmarahyɛbadwani no gye toom sɛ ɛwom sɛ na ne nsɛm no nyɛ sɛ ɔde bɛhyɛ obi abufuo deɛ, nanso na ɛnfata firi sɛ na ɛfa abofra ho.






Mmuae (0)