Court of Appeal atwe asɛm no to nkyɛn a wɔanhyɛ da a wɔamma gyinae biara wɔ Aban no bisade a ɛfa stay of execution ho wɔ apɛgya asɛm a ɛfa Microfinance and Small Loans Centre (MASLOC) Chief Executive Officer dada, Sedina Tamakloe-Attionu ho.
Atsɛmbuafo kuo mmiensa no, a Atsɛmbuafo Sophia Rosetta Bernasko-Essah a ɔda ano, Atsɛmbuafo Dr Ernest Owusu-Dapaa ne Atsɛmbuafo Ayitey Armah-Tetteh ka ho no, tiee adwene a afa nyinaa de bae ansa na wɔrokɔdwene gyinae a wɔbɛsi no ho.
Bɛyɛ nnɔnhwerew mmienu akyi no, atsɛmbuafo no san baa asɛnnibea dan no mu na wɔbɔɔ afafa no amanneɛ sɛ wɔantumi ansi gyinae biara wɔ bisade no so.
Wɔ eyi akyi no, asɛnnibea no twee asɛm no to nkyɛn a wɔanhyɛ da, a wɔankyerɛ bere a wɔbɛsan ahyia biom de aba atembua gyinae no.
Aban no rehwehwɛ stay of execution de kosi sɛ wɔbɛbu apɛgya asɛm ankasa no mu wɔ kɔrɔpshyɛn asɛm kɛse a ɛfa MASLOC panyin dada no ho no.
Bisade yi ka apɛgya kɔɔtɔ anammɔntuo a ɛrekɔ so no ho wɔ nneɛma foforo a esisii wɔ asɛm no mu akyi, a ɛtwetwe manfo adwene kɛse.
Accra High Court buu Sedina Tamakloe-Attionu fɔ bere a na ɔnni hɔ wɔ Oforisuo 2024 mu na wɔkasaa no afiase mfe 10 akyi a wɔhuu sɛ ɔdi fɔ wɔ kɔrɔpshyɛn sobo ahodoɔ pii mu, a ebi ne sika a ɔde hweree ɔman no, korɔnbɔ ne sika fĩ a wɔhoroo mu.
Wɔde no fii United States san baa Ghana wɔ Ayɛwohomummɔ mu afe yi de hyɛɛ n’afiaseda ase akyi a mmara kwan mu nsɛm waree kyɛe.




Mmuae (0)