Mmofra a wɔrenya ayaresa wɔ Police Hospital Intensive Care Unit (ICU) berɛ a akwanhyia sii wɔ Dzorwulu Highway no, wɔn mu baako awu.
Ghana National Fire Service (GNFS) Public Relations Officer, Assistant Divisional Officer I (ADO I) Alex King Nartey, sii asɛm yi so dua wɔ ne Facebook kratafa so.
Ɔde ne werɛkyekyɛ kɔmaa abusua a asɛm yi ato wɔn no na ɔbɔɔ mpaeɛ maa abofra a wawu no sɛ ɔmongye ne home wɔ asomdwoeɛ mu.
Akyi Asɛm
Benz Sprinter bɔs a emu kura sukuu mmofra bɛyɛ 11 a wɔwɔ lower primary kɔwuraa akwanhyia mu ne tipper truck a nneɛma hyɛ mu ma wɔ Dzorwulu–Accra Mall kwan so wɔ Accra wɔ Yawoada, 30 July.
Abofra a wawu no ka nnipa pii a wɔpirapirae wɔ akwanhyia no mu no ho.
Akwanhyia no sii berɛ a amanneɛbɔ kyerɛ sɛ tipper truck kɔbɔɔ sukuu bɔs a ɛwɔ registration number GT 5717-14 no akyire.
Nhwehwɛmu a ɛdi kan kyerɛ sɛ mmofra no, a wɔn mfeɛ da ntam hɔ firi mfeɛ mmiɛnsa kɔsi 10, nam Mercedes-Benz Sprinter bɔs no mu firi Ashaiman kɔ Accra berɛ a akwanhyia no sii no.







Mmuae (0)