Electricity Company of Ghana (ECG) Adwumayɛ badwa no ka sɛ adwumakuo no ntumi ntua mfaso (dividends) mma ne wura koro pɛ no wɔ afe 2025 mu.
Ɛkae sɛ ɛwom sɛ ne sika sem anya nkoso wɔ afe a ɛtwam no mu deɛ, nso ennyaa mfaso a ɛbɛma atumi atua mfaso.
Wɔ ne kasa mu wɔ adwumakuo no Afe Afe Hyiamu Kɛseɛ (Annual General Meeting) a ɛto so 18 wɔ Accra wɔ Yawoada (July 30, 2026) no, Badwa Titenani, William Amuna kae sɛ ECG’s sika a ɛkɔɔ mu no kɔɔ soro dɔɔsoɛ pɛpɛɛpɛ 16.2 per cent kɔduu GH¢22,109million
Ka a na ɛda adwumakuo no so no maa ɛyɛɛ berɛguɔ sika tow akyi a ɛyɛ GH¢2,521.20million wɔ afe 2025 mu, a na ɛyɛ nkoso kɛseɛ sen GH¢8,255.80 million a wɔtwerɛɛ no afe 2024 mu no.
“Ɛnam sika a ɛbaa afe no mu ne adwumakuo no berɛguɔ gyinabea nti, Adwumayɛfoɔ no nkamfo sɛ wɔntua mfaso biara,” Owura Amuna ka kyerɛɛ hyiamu no.
AGM no, a ɛyɛ ne baako a ɛdi kan wɔ mfeɛ mmiena akyi no, ne wura koro pɛ a ɛyɛ aban no, a Ministry of Finance ne State Interest Goverance Authority ( SIGA) gyina hɔ ma no, baae.
Wɔn a wɔbaae bi ne badwa no mu mma, ECG panyin mmoa ne afoforo a wɔwɔ kyɛfa mu te sɛ Public Utilities Regulatory Authority (PURC), GRIDCo, Volta River Authority (VRA) ne kanea yɛfo a wɔyɛ amansan deɛ a wɔde wɔn ho.
Owura Amuna kae sɛ badwa no hunee sɛ ɛho hia sɛ wɔsan de adwumakuo no sika gyinabea si hɔ yie, nti wɔahwɛ aban no nsesaeɛ a wɔde bae a ɛnam so rema mfasoɔ pa ba no so.
Badwa no, ɔkae sɛ, da so si pi sɛ bɛdi akwan horow a ɛbɛhyɛ ECG’s sika gyinabea den wɔ mmere tenten mu no akyi.
“Badwa no ne adwumayɛfoɔ redi nkitaho na wɔne Aban ne nhyehyɛeɛ ho badwafoɔ nso rekorɔ akwan a ɛbɛyɛ pɛpɛɛpɛ de ama sika mu nkosoɔ wɔ asoɛeɛ a ɛkyekyɛ kanea mu no,” ɔkae.
Owura Amuna toaa so kae sɛ badwa no agyina akwan nan so pɛne kwan a wɔbɛfa so ate ka so, atua sika a ɛfata de tua ɛka, ate berɛguɔ so, atu mmoa wɔ sika gyeɛ mu na wɔama sika afoforo mu nkosoɔ.
“Saa akwan yi, Badwa no agyina so pɛne na adwumayɛfoɔ de reba mu ayɛ adwuma pa ara,” ECG badwa titenani no ka kyerɛɛ AGM no.




Mmuae (0)