Mmepɔ so forofoɔ baanan awuwu na wɔsuro sɛ baanosia foforɔ ayera berɛ a sukyerɛmma bu baeɛ guu Pakistan’s Broad Peak so, a ɛyɛ ewiase mmepɔ a ɛsɔrene kɔ soro pa ara no mu baako.
Wɔahu efunu no mu mmienu nkyerɛaseɛ, berɛ a mpanimfoɔ gu so renhyehyɛ deɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhu mmienu a aka no nso, sɛdeɛ nsrahwɛ so soafoɔ a ɔhwɛ Gilgit Baltistan mantam so no kyerɛeɛ no.
Wɔama akyi-pɛ ne nnipa gye dwumadie gyae nnɛ da no ɛnam ewiem tebea nti na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛtoa so kyena, sɛdeɛ Faisal Ehsan Pirzada, a ɔyɛ fie kranaa twerɛfoɔ ma Gilgit Baltistan kyerɛeɛ no.
Wɔka sɛ Amerikani baako, China panyin baako, Pakistani baako, Omani baako ne Nepalfoɔ baanosia ka mmepɔ so forofoɔ kuo no ho, a nea ɔdi wɔn anim ne mmepɔ so foroni agye din a wɔwo no wɔ Nepal Nirmal Purja, sɛdeɛ Alpine Club of Pakistan kyerɛeɛ no.
Nhwehwɛmu hyɛɛ aseɛ ma mmepɔ so forofoɔ amandɔm kuo a wɔn dodoɔ yɛ nnipa du a Purja di wɔn anim berɛ a amaniɛbɔ baeɛ sɛ sukyerɛmma abu agugu Yawoada so wɔ bɛpɔ a ne tenten yɛ meta 8,047 (anammɔn 26,400) peak a ɛwɔ Karakoram range mu no so.
Purja, akwantu no kannifoɔ, agye din wɔ ewiase mmepɔ a ɛware tra meta 8,000 nyinaa a ɛyɛ 14 a ɔforoeɛ wɔ abome mmiensa pɛ mu wɔ afe 2019 mu.
Nnipa mmienu a wɔasi so dua sɛ wɔawuwu no, Alpine Club of Pakistan de wɔn din kyerɛeɛ sɛ Nadhira Ahmed Abdullah Al Harthy a ɔfiri Oman ne Pur Bahadur Gurung a ɔfiri Nepal.
Wɔn a wɔahu wɔn afunu foforɔ mmienu no deɛ, wɔn din nya daa adi.
Fida anopa no, Alpine Club kyerɛeɛ sɛ Pakistan asraafodɔm de helekɔpta mmienu a ɛgye nnipa nkwa amane, a ɛkura nnipa a wɔagye wɔn teti ne afididie a ɛho hia a wɔde bɛboa nkwa gye dwumadie no.
Wɔ nkyerɛkyerɛmu foforɔ mu no, Alpine Club kyerɛeɛ sɛ wɔne mpanimfoɔ no “da so wɔ nkitaho mu daa” de hyɛ nsow sɛ “wɔde nneɛma a wɔkura nyinaa bedi dwuma wɔ berɛ tiawa a ɛbɛyɛ yie mu”.
“Kuo no bɔ mpaeɛ ma nkwa ne nkwasoɔ a wɔbɛgye mmepɔ so forofoɔ no nyinaa, na wɔne wɔn mmusua ne ewiase amansan mmepɔ so forofoɔ kuo gyina faako wɔ sa eberɛ emumu yi mu,” ɔde kaa ho.
Purja kɔfaa British Army mu wɔ afe 2003 mu na ɔde ne ho kɔbɔɔ Special Boat Service – asraafodɔm krataasɛm kuo a ɛwɔ Royal Navy mu no – wɔ afe 2009 mu.
Ɔkɔɔ Everest Base Camp wɔ afe 2012 mu, na sen sɛ ɔbɛsan akɔ Kathmandu no, ɔkɔforoo Lobuche East bɛpɔ a ne tenten yɛ 6,119m wɔ Nepal – ne bɛpɔ a ɛdi kan a ɔforoeɛ.
Amerikani Mallory Geis ka Purja ho na ɔreforo bɛpɔ no. Wɔ Ayeforohyehyɛ mfinimfini no, ɔde guu nkitahodeɛ so sɛ ɔwɔ mpaboa foforɔ a asiesie ne ho ma nea ɔfrɛ no “ne bɛpɔ so foro akeseɛ a ɛdi kan wɔ Pakistan”.
Wɔato ne din wɔ akwantunso kuo baako, Moving Mountains nkyerɛkyerɛmu mu. Nkyerɛkyerɛmu no ka sɛ Mallory ne Sohail Saki bɛba – Pakistani baako a ɔno nso ka wɔn a wɔayera no ho.
Yei bɛyɛ ne bɛpɔ a ɛtwatoɔ a ne tenten yɛ 8,000m wɔ Pakistan, na ɛyɛ Mallory mmɔdenbɔ a ɛdi kan, nkitahodeɛ so amaniɛbɔ no de kaaho.
Sɛ yɛyi Purja, Saki ne Geis si nkyɛn a, din ahodoɔ a ɛho hia afoforɔ wɔ hɔ a wɔka mmepɔ so forofoɔ a wɔayera no ho, a Pur Bahadur Gurung – a wɔsan frɛ no Yukta – ne Kili Pemba Sherpa ka ho.
Yukta nyaa abasobɔdeɛ firi International Federation of Mountain Guides Associations (IFMGA) hɔ, na ɔbɛyɛ a owie 14 peaks challenge no, baabi a mmepɔ so forofoɔ m mɔden sɛ wɔbɛforo ewiase mmepɔ 14 a ɛsɔrene bɛyɛ meta 8,000 pɛpɛɛpɛ fi po so.
Kili Pemba aforo Everest bɛyɛ mprɛn 15 besi seesei. Wɔ afe 2021 mu no, ɔka historic K2 awɔberɛ mu akwantuo kuo no ho, a ɔne Nepal mmepɔ so forofoɔ ahodoɔ a Nirmal Purja ka ho na ɛkɔeɛ.
Pemba nso ne kwankyerɛfoɔ a ɔdii Xia Boyu a ne nan mmienu nyinaa atu anim kɔforoo Everest wɔ afe 2018 mu. Xia, China mmepɔ so foroni, nan mmienu nyinaa twaeɛ mfeɛ pii a atwam berɛ a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛdu Everest ti so.
Wɔbu Broad Peak sɛ ɛyɛ mmepɔ a ɛyɛ den pa ara wɔ akwantuo mu no mu baako, na ɛno ne ewiase bɛpɔ a ɛtɔ so 12 a ɛsɔrene pa ara.
Bɛpɔ so foro a ɛdi kan a ɛso baa mfasoɔ wɔ Broad Peak so no baa wɔ afe 1957 mu, berɛ a Austria akwantufoɔ baanan duruu bɛpɔ no ti so.
Firi sa berɛ no, nnipa pii aforo bɛpɔ a ne tenten yɛ 8,051m (26,414 ft) no. Na nnipa pii nso ahwerɛ wɔn nkwa wɔ bɛpɔ no so.
Afe 2013 ne mmere a owuo dɔɔso pa ara wɔ Broad Peak so, baabi a nnipa kanyin baanosia awu de kɔ si hɔ.





Mmuae (0)