Mmaa, Mmofra ne Asetena Mu Bammobɔ Ho Soafoɔ, Dr Agnes Naa Momo Lartey, akɔsra mmofra a wɔpirapirae wɔ Dzorwulu kwan so akwanhyia no mu na ɔahyɛ wɔn mmusua bɔ sɛ aban no bɛboa wɔn ma wɔanya ayaresa koraa.
Soafoɔ no kɔsraa sukuu mmofra a wɔpirapirae a wɔrenya ayaresa wɔ 37 Military Hospital berɛ a Yawoada akwanhyia bi sii wɔ Dzorwulu-Accra Mall kwan so a na sukuubus ne tipper truck na ɛde baeɛ.
Ɔkae sɛ asɛm no yɛ awerɛhosɛm a ɛbubu akoma na ɔdaa ne werɛhoɔ adi kyerɛɛ mmofra a asɛm no tɔɔ wɔn so ne wɔn mmusua.

Dr Lartey hyɛɛ mmusua no bɔ sɛ aban no, titiriw Ɔmampanyin John Dramani Mahama, ksi ne ho so koraa sɛ ɔbɛboa ayarefoɔ mmofra no ma wɔanya ayaresa papa.
Ɔkae sɛ awofoɔ rensoa ayaresa no ho ka, na mmom ɛbɛma wɔanya berɛ de wɔn adwene esi mmofra no ho banbɔ ne nkuranhyɛ so.

Gender Soafoɔ no nso kamfaa wɔn a wɔba ntɛm bɛboa ntɛmpɔn mu, a Ghana National Fire Service, Ghana Police Service, banbɔ adwumayɛfoɔ afoforɔ ne amansan a wɔboaeɛ ma wɔgyee mmofra no ka ho.

Ɔkamfaa 37 Military Hospital adwumayɛfoɔ ne ayaresabea hɔ dɔktafoɔ ne anɛɛsefoɔ wɔ wɔn ntɛmsoɔ ne wɔn ahofama ho, na ɔde kaa ho sɛ nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ wɔ akwanhyia no ho bɛkyerɛ nea ɛde akwanhyia no baeɛ na wɔahwɛ sɛ wɔde asotwe a ɛfata bɛma a.






Mmuae (0)