Ɔmampanyin John Dramani Mahama de mpuntuo ne akatua nhyehyɛeɛ kɛseɛ bi ama akatakyie awɔtwe a wɔhweree wɔn nkwa wɔ asraafofoɔ helikɔpta akwanhyia mu wɔ Ɔsanaa da a ɛtɔ so 6, 2025 no afiefoɔ.
Nhyehyɛeɛ no bi ne GH¢1 million sika a wɔde asie (trust fund) ma abofra biara a wannyin a ɔda so te ase, apɔmuden ne adesua mu mmoa, adaka a ɛkora nkaeɛdeɛ ne krataa a Ɔmampanyin no ankasa atwerɛ kɔma wɔn, ne akatua ma afiefoɔ a wɔahwere wɔn adɔfo no.

Ɔmampanyin no sii so dua bio fa aban no si a wəsi pi sɛ ɔbɛhwɛ ma wɔamfiri afɔrokyere a akatakyie awɔtwe no bɔeɛ no da, na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no nsa aka nhwɛsoɔ ne bammɔ kosi wɔn nkwa adasoɔ mu.

Ɔmampanyin Mahama de saa mmoa nhyehyɛeɛ no maeɛ wɔ dwumadiɛ bi a ɛkɔɔ so wɔ Jubilee House, a aban mu mpanimfoɔ akɛseɛ, Deputy Defence Minister, Ernest Brogya Genfi; Dwumadibea no Chief Director, Mpanin Emmanuel Kartey; Chief of the Defence Staff, Lieutenant General William Agyapong; Service Chiefs; Ministry of Defence mpanimfoɔ; ne afiefoɔ a wɔahwere wɔn adɔfo no nanmusifoɔ kɔeɛ, a wɔdaase wɔ mmoa ne anidasoɔ foforɔ a saa dwumadiɛ yi de baeɛ no ho.
































Mmuae (0)