Environmental Protection Authority (EPA) ka sɛ abɔde mu nyansapɛ mu nneɛma foforo a ɛkyerɛ sɛ plastik nketenkete wɔ nnipa honam mu no si hia a ɛhia sɛ wɔbara nhyehyɛe a Ghana yɛe sɛ wɔde bara prɛte a wɔde hyɛ aduan firi nea wɔde di dwuma prɛko pɛ, polystyrene (styrofoam) nnuan kyɛnse afiri Ɔpɛpɔn 1, 2027 no so dua.
Wɔ ne kasa mu wɔ Loud and Green X Spaces a ɛtɔ so nwɔtwe a JoyNews yɛɛ ho ahɔhoɔ no mu no, EPA Nhyehyɛeɛ Panyin a ɔwhɛ Nnipa Atenaeɛ so, Hope Smith Lomotey, kaa sɛ gyinaeɛ a wɔsiɛ sɛ wɔbɛyi styrofoam afiri hɔ no nnyɛ atwa yɛn ho ahyia ho adwenkyerɛ nko ara na ɛhyɛ akyi, na mmom gyinabea foforo a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛtumi anya nsosɔɛ wɔ nnipa apɔmuden so nso ka ho.
“Yɛayɛ nhwehwɛmu bebree. Yɛahu mpo sɛ plastik wɔ mmaa bi ba-efuo (placenta) mu, a ɛreyɛ hu pii,” ɔkae.
Owura Lomotey kyerɛkyerɛɛ mu sɛ bara a wɔresusu ho no yɛ Ghana Oman Plastik Sohwɛ Nhyehyɛe (National Plastic Management Policy) a wɔhyɛɛ aseɛ wɔ afe 2020 mu no fa, na ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛte plastik fĩ so berɛ a ɛrebɔ ɔmanfoɔ apɔmuden ho ban.
Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ styrofoam kyɛnse bɛtumi ayi nnuru a ɛyɛ hu adi berɛ a wɔde di dwuma de hyɛ nnuan a ɛyɛ hye, ngo pii wɔ mu anaa dwenkyi (acidic) nnuan.
“Sɛ wɔgu aduan a ɛyɛ hye wɔ saa kyɛnse yi bi mu a, nnipa nya saa nnuru no mu bi. Wɔgu aduan a ngo wɔ mu nso gu mu, na ɛyɛ a ɛde saa dɔteɔ yi gu mu. Wɔgu aduan a ɛyɛ dwenkyi (acidic) nso gu mu,” ɔkae.
Akyiri koraa wɔ apɔmuden ho asiane so no, Owura Lomotey kaa sɛ styrofoam kɔ so de kyɛfa kɛseɛ to atwa yɛn ho ahyia nsɛnnennen mu ɛfiri sɛ ne hare nti, mframa tumi bɔ no kɔ nsuka, asubonten ne nsuo kwan afoforo mu lɔkɔɔ.
“Saa nneɛma yi bi yɛ hare pa ara, enti mframa biara a ɛbɛbɔ wɔn no de wɔn kɔ atwa yɛn ho ahyia mu. Sɛ osuo tɔ biara a, wɔde wɔn kɔ nsuka mu na nsuka no bi mu si, a ɛno nso boa ma nsuyiri a yɛhu no bi ba,” ɔkyerɛkyerɛɛ mu.
Ɔhyɛɛ no nsow sɛ ɛnte sɛ nnobaeɛ ne nwura afoforo, styrofoam mporɔ ntɛm, enti ɛtena atwa yɛn ho ahyia mu mfeɛ dɔɔso.
“Ebi mpo bɛtumi atena hɔ bɛyɛ mfeɛ 500 ansa na amporɔ ɛfiri sɛ ɛnte sɛ nneɛma a abɔdeɛ tumi porɔ,” ɔkae.
Owura Lomotey bɔɔ kɔkɔ nso sɛ plastik dɔteɛ yɛ pii sene asase so nko ara, ɛka nsuom nkwa nso na akyire yi ɛsan ba nnipa hɔ nam aduan a yɛdi so.
“Nsuom mmoa bi te sɛ nsuom nam di sa nneɛma yi bi, na ɛtena wɔn nipadua mu, san ba yɛn hɔ wɔ aduan kyinhyia mu. Yɛdi na ɛda so wɔ yɛn nipadua mu,” ɔde kaaho.
Sɛnea EPA kyerɛ no, saa atwa yɛn ho ahyia ne ɔmanfoɔ apɔmuden nsɛnnennen a wɔka bom yi de no aba sɛ ɛho ahia sɛ Ghana gyae prɛte a wɔde hyɛ aduan firi nea wɔde di dwuma prɛko pɛ (styrofoam).
Ansa na Ɔpɛpɔn 1, 2027 nkɔsoɔ da no bɛdu no, Tumidifoɔ no kaa sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ ɔman mu nyinaa kyerɛkyerɛ ne nkɔmmɔbɔ a wɔne nnipa a wɔwɔ mu ka ho bɛyɛ na wɔde asiesie wɔn a wɔyɛ nneɛma, wɔn a wɔde ba man mu, wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔde di dwuma no ama nsakyeraeɛ kɔ nneɛma a ɛnsɛe atwa yɛn ho ahyia so.
Berɛ a wɔgye to mu sɛ bara no nko ara remmma nsuyiri nnyae no, EPA kyerɛ sɛ styrofoam a wɔde di dwuma a wɔbɛte so no bɛboa ma plastik fĩ so ate, ate nhyɛsoɔ a ɛwɔ nsuka so no so, na ɛde boa ma ɔmanfoɔ apɔmuden tu mpɔn.





Mmuae (0)